1 Ɔsahene Nebusaradan a otua ɔhene awɛmfo ano no gyaa Yeremia wɔ Rama akyi no, asɛm no fi
7 Bere a asraafo mpanyimfo no nyinaa ne wɔn mmarima a wɔda so wɔ wuram no tee sɛ, Babiloniahene ayɛ Ahikam babarima Gedalia amrado wɔ asase no so, na ɔde mmarima, mmea ne mmofra a wɔyɛ ahiafo wɔ asase no so, na wɔamfa wɔn ankɔ nnommum mu wɔ Babilonia ahyɛ ne nsa no, 8 wɔbaa Gedalia hɔ wɔ Mispa: Netania babarima Ismael, Karea mmabarima Yohanan ne Yonatan, Tanhumet babarima Seraia, Efai a ofi Netofa mmabarima, Yesania a ɔyɛ Maakatni babarima ne wɔn mmarima. 9 Na Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena no kaa ntam de hyɛɛ wɔn ne wɔn mmarima den se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye. 10 Me de, mɛtena Mispa, na masi mo anan mu wɔ Babiloniafo a, wɔba yɛn nkyɛn no mu, na mo de, monkɔboaboa nsa, ahohuru bere mu nnuaba ne ngo ano ngu adekora nkuruwa mu wɔ twabere mu, na montenatena nkurow a moafa no so.” 11 Bere a Yudafo a wɔwɔ Moab, Amon, Edom ne aman ahorow a aka no, tee sɛ Babiloniahene agyaw nkae bi wɔ Yuda na wayi Ahikam babarima Gedalia a ɔyɛ Safan nena sɛ amrado wɔ wɔn so no, 12 wɔn nyinaa san baa Yuda asase so fi aman a wɔbɔɔ wɔn petee no so, kɔɔ Gedalia hɔ wɔ Mispa. Na wɔboaboaa nsa ne ahohuru bere mu nnuaba bebree ano wɔ twabere mu.
13 Na Karea babarima Yohanan ne ntuano asraafo a wɔda so wɔ wuram no baa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa 14 na wɔka kyerɛɛ no se, “Wunnim sɛ, Amonhene Baalis asoma Netania babarima Ismael se, ommekum wo ana?” Nanso Ahikam babarima Gedalia annye wɔn anni.
15 Na Karea babarima Yohanan ka kyerɛɛ Gedalia wɔ kokoa mu wɔ Mispa se, “Ma minkokum Netania babarima Ismael, na obiara rente. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ okum wo na ɔma Yudafo a wɔatwa wo ho ahyia no bɔ ahwete, na Yudafo nkae no yera?”
16 Nanso Ahikam babarima Gedalia ka kyerɛɛ Karea babarima Yohanan se, “Nyɛ saa ade yi! Nea woka fa Ismael ho no nyɛ nokware.”
<- Yeremia 39Yeremia 41 ->