30
Wogye Israel Si Hɔ
1 Asɛm a efi 
4 Eyi ne nsɛm a 
“ ‘Akomatu nteɛteɛmu na mete, 
mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe. 
 6 Mummisa na munhu: 
Ɔbarima betumi awo mma ana? 
Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara 
sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu, 
na anim biara ayɛ bosaa saa? 
 7 Sɛnea da no bɛyɛ hu afa! 
Da biara renyɛ sɛ ɛno. 
Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob, 
nanso wobeyi no afi mu. 
 8 “ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade  na ose, 
‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu, 
na matetew wɔn nkyehama no mu; 
ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio. 
 9 Na mmom wɔbɛsom Awurade , wɔn Nyankopɔn 
ne Dawid, wɔn hene, 
a mɛpagyaw no ama wɔn. 
 10 “ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo; 
mma wʼaba mu mmu, Israel,’ 
nea Awurade  se ni. 
‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri, 
ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so. 
Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ 
na obiara renhunahuna no bio. 
 11 Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’ 
‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa, 
emu na mebɔ mo ahwete kɔ, 
nanso merensɛe mo korakora. 
Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so; 
meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’
12 “Sɛɛ na 
“ ‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru, 
na wontumi nsa. 
 13 Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo, 
wo kuru no rennya aduru, 
na worennya ayaresa. 
 14 Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo; 
wo ho biribiara mfa wɔn ho. 
Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ 
na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe, 
efisɛ wʼafɔdi so dodo 
na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso. 
 15 Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru, 
wo yawdi a ano nni aduru no ho? 
Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti 
na mede saa nneɛma yi ayɛ wo. 
 16 “ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo; 
mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu. 
Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn 
wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so. 
 17 Nanso mɛma wo ahoɔden bio 
na masa wʼapirakuru,’ 
‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no, 
Sion a wo ho nhia obiara.’ ”
18 Sɛɛ na 
“ ‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba 
na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no; 
wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so, 
na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi. 
 19 Wɔn mu na aseda nnwom befi aba 
ne ahosɛpɛw nnyigyei. 
Mɛma wɔadɔɔso, 
na wɔn dodow no so rentew; 
mɛhyɛ wɔn anuonyam, 
na wɔremmu wɔn abomfiaa. 
 20 Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no, 
mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim; 
wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso. 
 21 Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa; 
na wɔn sodifo befi wɔn mu. 
Mɛka no abata me ho na wabɛn me, 
na hena na ɔde ne ho bɛma 
sɛ ɔbɛbɛn me?’ ” 
 22 “ ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo, 
na mayɛ mo Nyankopɔn.’ ” 
 23 Hwɛ, Awurade  ahum 
betu abufuwhyew mu, 
mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ 
amumɔyɛfo mpampam. 
 24 Awurade  abufuw rennwo 
kosi sɛ obewie 
ne koma mu nhyehyɛe nyinaa. 
Nna a ɛreba no mu no 
Languages