1 Awurade gyaw aman bi wɔ asase no so a na ɔnam so pɛ sɛ ɔsɔ Israelfo a wɔnkɔɔ Kanaan ko no bi da hwɛ. 2 Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ Israel nkyirimma a wɔnkɔɔ ɔko da no sɛnea wobenya akodi ho nimdeɛ. 3 Saa aman no ni: Filistifo (wɔn a na wɔhyɛ Filistifo ahemfo baanum bi ase no), Kanaanfo nyinaa, Sidonfo, Hewifo a na wɔte Lebanon bepɔw no so fi Baal Hermon bepɔw ho de kosi Lebo Hamat. 4 Wogyaw saa nkurɔfo yi de sɔɔ Israelfo no hwɛe, pɛɛ sɛ wohu sɛ wobedi mmara a
5 Enti Israelfo no tenaa Kanaanfo, Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo no mu. 6 Na wodii wɔn ho aware. Israelfo mmabarima no warewaree wɔn mmabea na wɔde Israelfo mmabea nso maa wɔn mmabarima aware. Na Israelfo no som wɔn anyame.
7 Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ
9 Nanso Israelfo su frɛɛ Awurade no, oyii ɔbarima bi sɛ ogyefo maa wɔn. Ne din ne Otniel a ɔyɛ Kaleb nua kumaa Kenas babarima. 10
12 Bio, Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ
15 Nanso Israelfo no su frɛɛ
20 Afei, Ehud kɔɔ Eglon nkyɛn. Na ɔte abansoro dan bi a emu dwo mu. Ehud ka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛm bi a efi Onyankopɔn nkyɛn ka kyerɛ wo!” Bere a ɔhene Eglon sɔre fii nʼakongua mu ara pɛ, 21 Ehud de ne nsa benkum twee afoa a ɔde ahyɛ ne srɛ nifa ho no de wɔɔ ɔhene no yafunu mu. 22 Afoa no kɔɔ akyiri kosii sɛ ne bona no mpo wuraa ɔhene no srade mu maa ɛso katae. Enti Ehud gyaa afoa no wɔ yafunu no mu maa ne nsono tu gui. 23 Afei, Ehud totoo apon no mu foroo agyanan dan no, faa ne asuten no mu guan kɔe.
24 Ehud kɔe akyi no, ɔhene asomfo no baa hɔ behuu sɛ wɔatoto apon a ɛkɔ aban no so no mu. Na wodwen sɛ ɔwɔ agyananbea hɔ, 25 enti wɔtwɛnee. Wɔtwɛn ara na ɔhene no mma no, ɛhaw wɔn ma wɔkɔhwehwɛɛ safe bi. Na wobuee pon no, wohuu sɛ wɔn wura awu da fam.
26 Bere a asomfo no retwɛn no, Ehud guan faa abo ahoni no so a ɔrekɔ Seira. 27 Oduu Efraim bepɔw asase no so no, Ehud hyɛn torobɛnto kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmfa akode mmra. Enti odii Israelfo kuw bi anim sian bepɔw no.
28 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Munni mʼakyi. Awurade ama moadi Moabfo a wɔyɛ mo atamfo no so nkonim.” Enti wotu dii nʼakyi. Israelfo no faa asubɔnten Yordan baabi a ɛhɔ nnɔ a wofi Moab twa. Ɛno nti na obiara ntumi mfa hɔ ntwa Asubɔnten no. 29 Wɔtow hyɛɛ Moabfo no so. Wokunkum wɔn dɔmmarima no bɛyɛ mpem du. Wɔn mu biara antumi anguan. 30 Enti Israelfo dii Moabfo so nkonim saa da no, na asomdwoe baa asase no so mfirihyia aduɔwɔtwe.
31 Ehud akyi no, Anat babarima Samgar gyee Israelfo. Ɔde nantwika abaa kum Filistifo ahansia.
<- Atemmufo 2Atemmufo 4 ->-
a Na Amonfo yɛ Lot asefo (1 Mose 19.38). Na Amalekfo nso yɛ Esau asefo (1 Mose 36.12,16). Na wɔbɛn Israel, nanso na wɔyɛ Israelfo atamfo kɛse.