12
 1 Efraim de mframa ayɛ aduan; 
odi apuei mframa akyi daa 
na odi atoro yɛ akakabensɛm bebree. 
Ɔne Asiria yɛ apam 
na ɔde ngo kɔ Misraim. 
 2 Awurade  wɔ sobo de bɔ Yuda; 
ɔbɛtwe Yakob aso wɔ nʼakwan ho 
na watua no ne nneyɛe so ka. 
 3 Ɔyafunu mu na osoo ne nua nantin; 
onyinii no, ɔne Onyankopɔn peperee so. 
 4 Ɔne ɔbɔfo tentam dii ne so nkonim; 
ɔde nusu srɛɛ ne nkyɛn adom. 
Ohuu no wɔ Bet-El 
ne no kasaa wɔ hɔ. 
 5 Asafo Awurade  Nyankopɔn, 
 6 Ɛsɛ sɛ wosan kɔ wo Nyankopɔn nkyɛn. 
Tena ɔdɔ ne trenee mu, 
na twɛn wo Nyankopɔn daa. 
 7 Oguadini de asisi nsania yɛ nʼadwuma; 
nʼani gye asisi ho. 
 8 Efraim hoahoa ne ho sɛ, 
“Meyɛ ɔdefo; manya me ho. 
Mʼahonya nyinaa mu wɔrenhu 
amumɔyɛ biara wɔ me ho.” 
 9 “Mene Awurade  wo Nyankopɔn, 
a miyii wo fii Misraim. 
Mɛma woakɔtena ntamadan mu bio 
sɛnea na woyɛ wɔ wʼaponto afahyɛ nna mu no. 
 10 Mekasa kyerɛɛ adiyifo, 
memaa wɔn anisoadehu bebree 
na mefaa wɔn so kaa mmebusɛm.” 
 11 Gilead yɛ otirimɔdenfo ana? 
Emu nnipa no yɛ ahuhufo! 
Wɔde anantwi bɔ afɔre wɔ Gilgal ana? 
Wɔn afɔremuka bɛyɛ te sɛ abo 
a wɔahɔre no siw wɔ asase a wɔafuntum so. 
 12 Yakob guan kɔɔ Aramfo asase so; 
Israel som de nyaa ɔyere, 
ɔhwɛɛ nguan de tuaa ti nsa. 
 13 Awurade  nam odiyifo so 
yii Israel fii Misraim, 
ɔnam odiyifo so hwɛɛ no. 
 14 Nanso Efraim ahyɛ no abufuw yayaayaw; 
nʼAwurade bɛma ne mogyahwiegu ho afɔdi ada no so 
Languages