1 Wɔde Yosef kɔɔ Misraim. Misraimni Potifar a na ɔyɛ Misraimhene Farao dabehene a na otua asraafodɔm ano no na ɔtɔɔ Yosef fii Ismaelfo aguadifo no nsam.
2 Na
8 Nanso Yosef ampene so, ka kyerɛɛ ne wura yere no se, “Esiane sɛ fie ha biribiara hyɛ me nsa nti, me wura nnwen fie ha biribiara ho. Ɔde nʼagyapade nyinaa ahyɛ me nsa. 9 Obiara nni tumi nsen me wɔ fie ha. Me wura mfa biribiara nkame me wɔ fie ha sɛ wo nko ara, efisɛ woyɛ ne yere. Onyame mpa ngu sɛ mɛyɛ ade a ɛte saa. Ɛbɛyɛ dɛn na matumi ayɛ amumɔyɛde a ɛte sɛɛ! Ɛbɛyɛ bɔne kɛse atia Onyankopɔn.” 10 Ɛwɔ mu sɛ da biara na Potifar yere no de saa asɛm yi hiahia Yosef ho de, nanso Yosef antwiw ammɛn no mpo, na akowie sɛ ɔne no bɛda.
11 Da koro bi, Yosef kɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ nʼadwuma. Oduu hɔ no, na asomfo no mu biara nni hɔ. 12 Potifar yere no soo Yosef atade mu kyeree no, ka kyerɛɛ no se, “Bra na wo ne me mmɛda!” Nanso Yosef yii nʼatade no guu ne so, guan fii fie hɔ.
13 Potifar yere no huu sɛ Yosef agyaw nʼatade wɔ ne nsam aguan afi fie hɔ no, 14 ɔfrɛɛ ne fifo, de nteɛteɛmu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ! Me kunu akɔfa Hebrini bi aba fie ha sɛ ommegu yɛn anim ase. Ɔbaa ha sɛ ɔrebɛto me mmonnaa na meteɛteɛɛ mu. 15 Ɔtee sɛ mereteɛteɛ mu no, oyii nʼatade guu me so, guan fii fie ha.”
16 Potifar yere no de Yosef atade a oyi guu ne so no siei, kosii sɛ ne kunu bae. 17 Ɔbea no bɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Hebrini akoa no a wokɔtɔɔ no brɛɛ yɛn no baa me nkyɛn sɛ anka ɔrebɛto me mmonnaa. 18 Meteɛteɛ mu no na oguan fii fie ha, gyaw nʼatade.”
19 Bere a Yosef wura Potifar tee asɛm a ne yere ka kyerɛɛ no se, “Ɔkwan a wʼakoa no de me faa so ni” no, ne bo fuw yiye. 20 Yosef wura Potifar tee asɛm no no, ɔkyeree Yosef kɔtoo afiase, faako a ɔhene nneduafo gu no.