1 Na ɔkɔm kɛse bi baa asase no so; ɛsono ɔkɔm kɛse a ɛbaa Abraham bere so no. Ɛno nti, Isak tu kɔtenaa Gerar a ɛyɛ Filistifo hene Abimelek kurow mu. 2 Ɛhɔ na
7 Bere a Gerar mmarima bisaa Isak yere Rebeka ho asɛm no, ɔkae se, “Ɔyɛ me nuabea.” Efisɛ na osuro sɛ ɔbɛka se, “Ɔyɛ me yere.” Ɔkaa saa asɛm yi, efisɛ na osusuw sɛ, esiane ne yere Rebeka ahoɔfɛ nti, anhwɛ a na kurom hɔ mmarima akum no.
8 Isak tenaa hɔ kyɛɛ kakra no, da bi, Filistifo hene Abimelek gyina ne mfɛnsere mu na ohuu sɛ Isak regoru ne yere Rebeka ho. 9 Ɛno nti, Abimelek soma ma wɔkɔfrɛɛ Isak. Isak bae no, obisaa no se, “Ɔbea no yɛ wo yere ankasa. Adɛn nti na woka se, ‘Ɔyɛ me nuabea?’ ”
10 Na ɔhene Abimelek kae se, “Dɛn asɛm na wo ne yɛn adi yi? Nokware a woamma anna adi nti, anka obi betumi afa wo yere no, na wode mmusu aba yɛn so.”
11 Ɛno nti, Abimelek bɔɔ ne manfo no kɔkɔ se, “Obiara a ɔde ne nsa bɛka saa ɔbarima yi, anaa ne yere no, ɔkwan biara so no wobekum no.”
12 Saa afe no ara Isak dɔw afuw. Na
16 Ɛbaa saa no, ɔhene Abimelek ka kyerɛɛ Isak se, “Tu fi yɛn asase so, efisɛ wʼahonya dodow no aka yɛn ahyɛ.”
17 Isak tu fii Gerar kurow no mu, kɔɔ Gerar subon mu de hɔ kɔyɛɛ nʼatenae. 18 Enti Isak maa ne nkoa san tutuu mmura a nʼagya Abraham maa ne nkoa tutuu na ne wu akyi no Filistifo no sisiw ne nyinaa no. Ɔsan de din koro no ara a nʼagya Abraham de totoo mmura no totoo no bio.
19 Isak nkoa no tuu abura foforo bi wɔ Gerar subon no mu, kɔtoo nsu a ɛyɛ kurunnyenn. 20 Nanso Gerar nguanhwɛfo ne Isak nguanhwɛfo gyee abura no ho akyinnye. Gerar nguanhwɛfo no kae se, “Abura yi yɛ yɛn de.” Eyi maa Isak too saa abura no din Esek, a ase kyerɛ akyinnyegye abura. 21 Isak nkoa no san tuu abura foforo, nanso Gerar nguanhwɛfo no san ne wɔn kasakasaa ɛno nso so. Eyi maa Isak san too saa abura no nso din Sitna, a ase kyerɛ Aperedi. 22 Isak gyaw saa abura no hɔ kotuu abura foforo. Afei, nnipa a wɔne no te hɔ no gyaee no haw a obiara ne no ankasa so bio. Eyi maa Isak too saa abura yi din Rehobot a ase ne “Afei de
23 Isak tu fii hɔ kɔɔ Beer-Seba. 24 Anadwo no,
25 Isak sii afɔremuka, som
26 Da bi, ɔhene Abimelek ne ne fotufo Ahusad ne ne sahene Pikol fi Gerar bɛsraa Isak. 27 Isak bisaa wɔn se, “Adɛn nti na mo a na mo ne me nka, na mopam me fii mo nkyɛn aba me ha nnɛ sɛ morebɛsra me?”
28 Wobuaa no se, “Yehu pefee sɛ
30 Isak too wɔn pon, na wodidi nomee de twɛn apam a wɔne no rebɛyɛ no. 31 Ade kyee anɔpa no, Isak ne mmarima no kekaa wɔn ho wɔn ho ntam, de sii wɔn apam a wɔayɛ no so dua. Na Isak gyaa wɔn kwan ma wɔkɔɔ asomdwoe mu.
32 Da no ara, Isak asomfo bɛkaa abura a na wɔretu no ho asɛm kyerɛɛ no se, “Yɛato nsu.” 33 Isak too abura no din Seba a, ase kyerɛ sɛ “Ntanka abura.” Kurow a akyiri no wɔkyekyeree wɔ hɔ no, wɔtoo hɔ din Beer-Seba a ebesi nnɛ, wɔda so frɛ hɔ saa ara.
34 Esau dii mfe aduanan no, ɔwaree ababaa bi a na wɔfrɛ no Yudit. Na nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Beeri. Esau san waree Basmat a nʼagya yɛ Hetini bi a ne din de Elon. 35 Nanso Isak ne Rebeka bo annwo wɔ saa aware no ho.
<- 1 Mose (Gyenesis) 251 Mose (Gyenesis) 27 ->