1 Nna bi akyi no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe. Ɔfrɛɛ Abraham se, “Abraham!”
2 Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba, wo ba koro Isak a wodɔ no no kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ mmepɔw a ɛwɔ hɔ no mu baako a mɛkyerɛ wo no so.”
3 Abraham sɔree anɔpatutuutu hyehyɛɛ nʼafurum. Ɔfaa ne nkoa no mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho. Otwitwaa ogya a ɛbɛso ɔhyew afɔre no bɔ no, osii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ no. 4 Ne nnansa so no, Abraham too nʼani huu sɛ baabi a ɔrekɔ no wɔ akyirikyiri. 5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne nkoa no se, “Mo ne afurum no ntwɛn wɔ ha, na me ne abarimaa no nkɔ anim kakra nkɔsom. Sɛ yɛsom wie a, yɛbɛsan aba.”
6 Abraham faa nnyina a wɔde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no de soaa ne ba Isak. Na ɔno nso faa ogya ne sekan kurae. Bere a wɔrekɔ no, 7 Isak frɛɛ nʼagya Abraham se, “Agya!”
8 Abraham buae se, “Onyankopɔn no ankasa bɛma yɛn afɔre guan no a yɛde rekɔbɔ ɔhyew afɔre no.” Na wɔn baanu no toaa so kɔe.
9 Wokoduu faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no, Abraham sii afɔremuka wɔ hɔ, hyehyɛɛ nnyina no wɔ so. Ɔkyekyeree ne ba Isak, de no too nnyina no so wɔ afɔremuka no so. 10 Abraham twee sekan no, maa so sɛ ɔde rebetwa ne ba no mene akum no. 11 Ɛhɔ ara na
12
13 Abraham maa nʼani so huu sɛ nkyɛkyerɛ bi aso Odwennini bi mmɛn mu wɔ wura no mu hɔ. Abraham kɔkyeree Odwennini no de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka no so sii ne ba no anan mu. 14 Abraham too beae no din se
15
19 Na Abraham san kɔɔ nʼasomfo no nkyɛn ne wɔn sii mu kɔɔ Beer-Seba kɔtenaa hɔ.