1 Afei ɔbarima no san de me baa kronkronbea no abɔntenpon a ɛkyerɛ apuei fam no ano, na wɔato mu. 2 Na
4 Afei ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpon no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛe, na mihuu
5 Na
10 “ ‘Lewifo a wofii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri bere a Israel fom kwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho fii me ho kodii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. 11 Wobetumi asom wɔ me kronkronbea hɔ bere a wɔhwɛ asɔredan no apon so na wɔsom wɔ mu; wobetumi akum ɔhyew afɔrebɔde na wɔabɔ afɔre ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12 Nanso esiane sɛ wɔsom wɔn wɔ wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israelfo kɔɔ bɔne mu nti, mama me nsa so aka ntam se, ɛsɛ sɛ wɔn bɔne so asodi bɛda wɔn so. Otumfo
15 “ ‘Na mmom asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne Sadok asefo a wɔyɛɛ adwuma nokware wɔ me kronkronbea bere a Israelfo fom kwan no betumi abɛn me na wɔasom wɔ mʼanim; ɛsɛ sɛ wogyina mʼanim na wɔbrɛ me srade ne mogya afɔrebɔde, Otumfo
17 “ ‘Sɛ wowura apon a ɛkɔ mfimfini adiwo no mu a, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ nwera ntade. Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ kuntu ntade, bere a wɔresom wɔ apon a ɛkɔ mfimfini adiwo hɔ anaasɛ asɔredan no mu no. 18 Ɛsɛ sɛ wɔbɔ nwera abotiri na wɔhyehyɛ nwera ntade wɔ wɔn ase. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔafi fifiri. 19 Sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo, faako a nnipa no wɔ no a, ɛsɛ sɛ woyi ntade a wɔhyɛ de somee no na wogyaw de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntade foforo, sɛ ɛbɛyɛ a wɔremfa wɔn dwumadi ntade no nnwira nnipa no ho.
20 “ ‘Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ tikwaw anaasɛ wɔma wɔn tinwi fuw kuhaa, mmom ɛsɛ sɛ wobubu so fɛfɛɛfɛ. 21 Ɔsɔfo biara nnom bobesa bere a wahyɛn mfimfini adiwo hɔ. 22 Ɛnsɛ sɛ wɔware akunafo anaa mmea awaregyaefo. Wotumi ware mmabun a wɔyɛ Israelfo asefo anaa akunafo a na anka wɔn kununom yɛ asɔfo. 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfo nsonoe a ɛda ade a ɛyɛ kronkron ne ade a ɛyɛ kwasafo de ntam, na wɔmma wɔn nhu nea ɛma biribi yɛ ade a ho ntew anaasɛ ho tew.
24 “ ‘Akasakasa biara mu no, asɔfo na wɔbɛyɛ atemmufo agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ sɛ wodi me mmara ne mʼahyɛde a ɛfa mʼafahyɛ ahorow no so, na wɔyɛ me homenna kronkron.
25 “ ‘Ɛnsɛ sɛ ɔsɔfo kɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye sɛ funu no yɛ nʼagya, ne na, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabea a ɔnwaree; ne saa de, otumi kɔ ho de gu ne ho fi. 26 Na sɛ odwira ne ho a, ɛsɛ sɛ ɔtwɛn nnanson. 27 Da a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adiwo hɔ akɔsom wɔ kronkronbea hɔ no, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, Otumfo
28 “ ‘Me nko ara ne agyapade a asɔfo no wɔ. Ɛnsɛ sɛ moma wɔn kyɛfa biara wɔ Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29 Wobedi aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde, afɔdi afɔrebɔde, na biribiara a wɔahyira so ama
Languages