1 Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2 Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na
3 Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron
4 Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan. 5 Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa.
6 Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ. 7 Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.
8 Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.
9 Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu. 10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo
11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae. 12 Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.
13 Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree. 14 Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo 15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia 16 Elisama, Eliada ne Elifelet.
17 Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu. 18 Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ. 19 Enti Dawid bisaa
20 Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “
22 Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho, 23 enti Dawid bisaa