1 Bere a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, nʼaba mu bui, na saa ara nso na ne nkurɔfo no bɔɔ huboa. 2 Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofo no. Na wɔyɛ Rimon a ofi Benyamin fi wɔ Beerot kurow mu no mmabarima. Wɔfa no sɛ kurow Beerot ka Benyamin ho, 3 efisɛ wɔn a na wɔte Beerot mmere bi no guan kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔho de besi nnɛ yi.
4 Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo fi ne mmofraase. Wokum Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abofra no adi mfe anum. Bere a ɔko no ho asɛm duu kurow no mu no, obi a ɔhwɛ abofra no kyekyeree no de no guanee. Nanso bere a ɔreguan no, ɔhwee ase maa abofra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafo.
5 Da bi, Beerotni, Rimon mmabarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fi awia bere mu a na ɔregye nʼahome. 6 Wowuraa mu kɔɔ ne pia mu te sɛnea wɔrekɔpɛ awi, kɔwɔɔ ne yafunu mu afoa. Afei Rekab ne Baana wiawiaa wɔn ho guanee.
7 Ansa na wɔbɛkɔ no, wotwaa ne ti bere a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kotwaa Yordan bon no, nantew anadwo mu no nyinaa kɔe. 8 Wɔde Is-Boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no se, “Wo tamfo Saulo a anka ɔrehwehwɛ wo akum wo no babarima Is-Boset ti ni. Nnɛ,
9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana se, “Mmere dodow a
12 Enti Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wokunkum wɔn. Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan, na wɔde asin no sensɛn Hebron ɔtare ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.
<- 2 Samuel 32 Samuel 5 ->