1 Elisa buae se, “Tie saa asɛm yi fi
2 Ɔpanyin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Sɛ
3 Afei, mmarima akwatafo[a] baanan bi bɛtenatenaa kurow no apon ano. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara kosi sɛ yebewuwu? 4 Sɛ yɛtena ha a, ɔkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara na sɛ yɛsan kɔ kurow no mu nso a, ɔkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ebeye sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfo asraafo no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yiye mu ne no. Na sɛ wokunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.”
5 Enti saa anwummere no, wosii mu kɔɔ Aramfo nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ. 6 Na
8 Bere a akwatafo no duu nsraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntamadan no mu mmaako mmaako didii, nom nsa, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntade de kosiei.
9 Akyiri no, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nea yɛreyɛ yi nye. Eyi yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amanneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, nea ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Momma yɛnkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfi no amanneɛ.”
10 Enti wɔsan baa kurow no mu, bɛbɔɔ aponanohwɛfo no asɛm a asi no ho amanneɛ sɛ wɔakɔ Aramfo no nsraban mu, na na obiara nni hɔ; nnyigyei biara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfurum no ahama, na ntamadan no de, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. 11 Aponanohwɛfo no teɛteɛɛ mu, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfi hɔ no tee.
12 Ɔdasu mu na ɔhene no sɔre fii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanyimfo se, “Minim asɛm a asi. Aramfo nim sɛ ɔkɔm rekum yɛn nti, wɔatu afi wɔn nsraban mu, akɔtetɛw wuram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yebefi kurow no mu, na wɔakyekyere yɛn anikann, na wɔafa kurow no.”
13 Mpanyimfo no mu baako kae se, “Eye sɛ yɛbɛsoma akwansrafo, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu anum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwere kɛse biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bewuwu.”
14 Enti wosiesiee nteaseɛnam abien ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafo kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfo asraafo no. 15 Wɔkɔe ara koduu Asubɔnten Yordan, dii ntade ne ahyehyɛde a Aramfo atow agu no akyi, bere a na wɔde anikrakra reguan no. Akwansrafo no san bɛbɔɔ ɔhene no amanneɛ. 16 Enti Samariafo bɔɔ twi, kɔfow Aramfo nsraban no. Ɛno nti na ɛyɛ nokware sɛ wɔtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia saa da no, de gye dwetɛ gram dubaako, atoko lita du nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram du abien, sɛnea
17 Ɔhene no yii ne panyin ma ɔhwɛɛ ɔpon no mu ahyɛmfiri so, nanso nnipadɔm no twiw faa ne so ma owui. Enti biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ ho nkɔm bere a ɔhene no baa ne fi no. 18 Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram du baako wɔ Samaria gua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien.”
19 Ɔhene no panyin no buae se, “Sɛ
-
a Akwatafo nni ho kwan sɛ wɔkɔ nnipa mu (3 Mose 13.46).