1 Salomo san yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne sorokɔ yɛ anammɔn dunum. 2 Afei, ɔyɛɛ nsukorade kɛse kurukuruwa bi a efi ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no din Po. Na emu dɔ yɛ anammɔn ason ne fa, na ne dantaban yɛ anammɔn aduanan anum. 3 Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no.
4 Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam. 5 Po no afasu mu piw yɛ bɛyɛ nsateaa abiɛsa, na nʼano no trɛw te sɛ kuruwa a ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Po no tumi kora nsu gyare mpem dunsia ne ahannum.
6 Ɔyɛɛ guasɛn du a wɔkora nsu a wɔde hohoro afɔrebɔde ho. Na emu anum wɔ Po no anafo fam na anum wɔ atifi fam. Asɔfo no de, na Po no ankasa mu nsu na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa guasɛn no mu nsu no bi.
7 Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akaneadua du, sɛnea wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisi bɛn anafo fam ɔfasu, na wɔde mu anum a aka no nso sisi bɛn atifi fam ɔfasu no.
8 Afei, ɔyɛɛ apon du de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisii anafo fam ɔfasu no anim, na wɔde mu anum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasu no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ guasɛn ɔha.
9 Salomo sii adiwo maa asɔfo no, san sii adiwo kɛse bi wɔ Asɔredan no mfikyiri. Ɔyɛɛ apon totoo adiwo akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafrae duraa ho. 10 Wɔde Po no sii anafo fam ne apuei fam afasu ahyiae no twɔtwɔw so hɔ.
11 Huram-Abi yɛɛ nkuku, nsofi ne guasɛn a ɛho hia nyinaa. Nea ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa no, ɔyɛe.
19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: