1 Nnansa so, Dawid ne ne mmarima koduu Siklag. Na Amalekfo abɛtow ahyɛ Negeb so ahyew Siklag pasaa, 2 akyekyeree mmea ne mmofra ne mpanyin a wɔwɔ mu nyinaa. Wɔankum wɔn mu biara, mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔe.
3 Bere a Dawid ne ne mmarima no huu sɛnea Siklag asɛe ne asɛm a ato wɔn abusuafo no, 4 wotwaa agyaadwo ara kosii sɛ afei na wontumi ntwa agyaadwo no bio. 5 Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔe no ho. 6 Dawid ho yeraw no yiye, efisɛ na mmarima no adwene ho sɛ wobesiw no abo, esiane wɔn mmabarima ne wɔn mmabea a wɔakyekyere wɔn no nti. Nanso Dawid nyaa ahoɔden wɔ
7 Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “Fa asɔfotade no brɛ me.” Na Abiatar de bae. 8 Na Dawid bisaa
11 Asraafo no bi huu Misraimni barima bi wɔ wuram hɔ ma wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no brodo sɛ onni ne nsu sɛ ɔnnom. 12 Wɔsan maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba ɔbɔnta, efisɛ na hwee nkaa nʼano nnansa; awia ne anadwo. Ankyɛ na onyaa ahoɔden.
13 Dawid bisaa no se, “Hena nipa ne wo, na wufi he?”
15 Dawid bisaa no se, “Enti wubedi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?”
16 Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfo no atenae. Bere a Dawid ne ne mmarima no duu hɔ no, na Amalekfo no ahwete wɔ sare no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛw resaw, efisɛ na wɔanya asade bebree afi Filistifo nkyɛn ne Yuda asase so. 17 Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkum wɔn wɔ afoa ano anadwo mu no nyinaa, kosii adekyee no anwummere. Amalekfo no mu biara antumi anguan, gye mmarima ahannan a wɔtenatenaa yoma so guanee no. 18 Dawid gyee biribiara a Amalekfo no fae, san gyee ne yerenom baanu no. 19 Biribiara anyera; sɛ ɛyɛ akumaa anaa ɔpanyin, abarimaa anaa abeawa anaa biribiara a wɔfae sɛ asade no, Dawid de ne nyinaa san bae. 20 Nʼakofo no kaa nguan ne anantwi no de wɔn bae. Na wɔkae se, “Eyinom nyinaa yɛ Dawid asade.”
21 Na woduu Besor asuwa no so no, wohuu mmarima ahannu a ɔbrɛ dodow nti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyiaa wɔn anigye so. 22 Nanso Dawid mmarima no mu asɛmpɛfo bi kae se, “Wɔne yɛn ankɔ nti, wɔrennya asade no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn se, womfi yɛn ani so nkɔ.”
23 Nanso Dawid kae se, “Dabi, anuanom! Monnyɛ nea
26 Bere a Dawid duu Siklag no, ɔsoma ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyimfo a na wɔyɛ ne nnamfonom kae se, “Mo akyɛde a yɛfa fi
27 Wɔde akyɛde no kɔmaa wɔn a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafo fam ne Yatir; 28 wɔn a wɔwɔ Aroer, Sifmot, Estemoa 29 ne Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfo nkurow mu ne Kenifo kurow mu, 30 ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak, 31 Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa.
<- 1 Samuel 291 Samuel 31 ->-
a Na Keretifo ne Filistifo bɔ abusua. Akyiri no, wɔdɔm Dawid ɔko mu (2 Sam 15.18; 20.7; 1 Ah 1.38).