1 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ofi Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfi. 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot se, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeturo, efisɛ ɛbɛn mʼahemfi pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, bo biara a asase no di no, metua.”
3 Nanso Nabot buae se, “
4 Enti Ahab san kɔɔ ahemfi hɔ a ne bo afuw ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdae a wannidi, de nʼanim kyerɛɛ ɔfasu.
5 Ne yere Isebel bebisaa no se, “Adɛn nti na woayɛ bosaa saa? Adɛn nti na wompɛ sɛ wudidi?”
6 Obuaa no se, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no se, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.”
7 Ne yere Isebel bisae se, “Wonyɛ Israelhene ana? Sɔre na didi! Mma eyi nhaw wo. Megye Nabot bobeturo no ama wo!”
8 Na Isebel kyerɛw nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔwano sɔw ano, de kɔmaa mpanyimfo ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. 9 Krataa no mu nsɛm ne sɛ:
11 Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no. 12 Wofii akɔnkyen no ase, de Nabot tenaa anuonyambea wɔ nnipa no mu. 13 Na ahuhufo baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wɔde no kɔɔ kurotia, kosiw no abo kum no. 14 Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔasiw Nabot abo, ama wawu.”
15 Bere a Isebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” 16 Enti ɛhɔ ara, Ahab sian kɔfaa Nabot bobeturo no.
17 Na
20 Ahab ka kyerɛɛ Elia se, “Woahu me, me tamfo.”
23 “Na Isebel nso,
24 “Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wowuwuu wɔ kurow no mu no nso, akraman bɛwe wɔn nam, na apete nso asosɔw wɔn a wowuwuu wɔ wuram no nam.”
25 (Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ
27 Ahab tee saa asɛm yi no, osunsuan ne ntade mu, furaa atweaatam, kyenee kɔm. Ofuraa atweaatam no saa de awerɛhow a emu yɛ den kyinkyinii.
28 Na
-
a Din Amorifo no gyina hɔ ma Palestinafo a na wɔte hɔ dedaw ansa na Israelfo reba no (1 Mose 15.15; 2 Mose 23.23; 5 Mose 1.7).