1 Dawid rebewu no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ:
2 “Merekɔ faako a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefo biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, 3 na yɛ nea
5 “Wunim se Seruia babarima Yoab kum mʼakofo asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Okunkum wɔn, hwiee wɔn mogya gui, asomdwoe bere mu a ɛnyɛ ɔko bere mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔso a ɛbɔ nʼasen mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so. 6 Wo ne no nni, na mma no mfa ne ti dwen nkɔ ɔda mu asomdwoe mu.
7 “Na yɛ Barsilai a ofi Gilead no mmabarima adɔe, na ma wɔnka wɔn a wodidi wɔ wo didipon so no ho. Bere a miguan fii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔe.
8 “Kae Gera Benyaminni a ofi Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me denneennen, da a mereguan akɔ Mahanaim no. Na obehyiaa me wɔ Yordan no, mede
10 Na Dawid wui, na wosiee no wɔ Dawid kurom. 11 Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason na Yerusalem nso, odii ade mfe aduasa abiɛsa. 12 Enti Salomo tenaa nʼagya Dawid ahengua so, na nʼadedi ase timii yiye.
13 Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne na Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe so ana?”
15 Adoniya kae se, “Sɛnea wunim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn hene. Nanso nneɛma sesae, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, efisɛ
17 Na ɔtoaa so se, “Kɔsrɛ ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekode no nkame wo. Ka na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.”
18 Na Batseba buae se, “Eye mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.”
19 Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebehyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahengua so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa agua mmrɛ ɔhene na, na ɔtenaa ɔhene nifa so.
20 Ɔka kyerɛɛ ɔhene se, “Mewɔ ade ketewaa bi srɛ wo, na mfa nkame me.”
21 Enti ɔkae se, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya aware.”
22 Ɔhene Salomo bisaa ne na se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛno de, sɛ wubebisa ahemman nso ama no. Wunim sɛ ɔyɛ me nua panyin na ɔsɔfo Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!”
23 Na ɔhene Salomo de
26 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “San kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wuwu, nanso merenkum wo mprempren, efisɛ, wosoaa
28 Ɛwɔ mu, mfiase no na onni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya atuatew no. Bere a Yoab tee Adoniya wu no, otuu mmirika kɔɔ
30 Na Benaia kɔɔ
31 Ɔhene no tee asɛm a Yoab kae no, ɔka kyerɛɛ Benaia se, “Yɛ nea ɔkae no. Kum no wɔ afɔremuka no ho, na sie no. Eyi beyi adwenhare mogyahwiegu ho afɔdi afi me ne mʼagya fifo so. 32 Na
34 Enti Yehoiada babarima Benaia san kɔɔ ntamadan kronkron no mu, kokum Yoab, na wosiee Yoab[a] wɔ ne kurom wuram baabi. 35 Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ onsi Yoab anan sɛ ɔsahene. Na oyii ɔsɔfo Sadok de no sii Abiatar anan mu.
36 Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no se, “Si ofi wɔ Yerusalem ha na tena mu. Na mfi kurow no mu nkɔ baabiara. 37 Na da a wubetwa Kidron bon no, wubewu; na wo mogya begu wʼankasa wo ti so.”
38 Na Simei buae se, “Wʼatemmu no yɛ kronkron. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe yiye.
39 Na mfe abiɛsa akyi no, Simei asomfo baanu guan kɔɔ Gathene[b] Akis, Maaka babarima nkyɛn. Bere a Simei huu faako a wɔwɔ no, 40 ɔhyehyɛɛ nʼafurum, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ohuu wɔn no, ɔde wɔn san baa Yerusalem.
41 Salomo tee sɛ Simei afi Yerusalem akɔ Gat asan aba no, 42 ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei bae, na obisaa no se, “Mamma woanka ntam
44 Na ɔhene no ka kaa ho se, “Akyinnye biara nni ho sɛ wokae amumɔyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid.
46 Na ɔhene no hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia ma ɔfaa Simei de no fii adi kokum no.