5 Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. 6 Baasa wui no, wosiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade sɛ ɔhene.
7 Na
8 Baasa babarima Ela fitii ase dii Israel so wɔ Tirsa a saa bere no, na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu asia. Odii hene wɔ Israel mfe abien.
9 Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene wɔ adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw sɛ obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi wɔ Tirsa. 10 Simri kɔɔ hɔ de ade kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wui. Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no afe a ɛto so aduonu ason mu. Enti Simri bɛyɛɛ ɔhene a odi so.
11 Ɛhɔ ara, Simri kunkum Baasa adehye abusua no mu nnipa nyinaa a wannyaw ɔbarima baako koraa; na wanhwɛ sɛ ɔyɛ obusuani anaa adamfo mpo. 12 Simri sɛee Baasa ahenni nnidiso no, sɛnea na Awurade afa odiyifo Yehu so ahyɛ no. 13 Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw.
14 Ela ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
15 Simri tenaa Tirsa dii ade wɔ Israel, bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu ason mu, nanso odii ade nnanson pɛ. Bere a Israel asraafo a na wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo kurow Gibeton so no 16 tee sɛ Simri akum ɔhene no, woyii ɔsahene Omri de no dii ade sɛ wɔn hene foforo. 17 Enti Omri dii Israel asraafo anim, fi Gibeton kotuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkurow no. 18 Bere a Simri huu sɛ wɔafa kurow no, ɔkɔɔ ɔhene atenae hɔ wɔ ne fi, na ɔhyew hɔ ne ne ho frae, maa owui wɔ ogyatannaa no mu. 19 Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ
20 Simri adedi ho nsɛm nkae ne ne pɔw bɔne a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
21 Na afei, na Israelfo no mu akyɛ abien. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so hene, na ɔfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. 22 Nanso Omri akyidifo no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifo no so. Enti wokum Tibni, maa Omri dii ɔhene.
23 Omri fi ase dii hene wɔ Israel, bere a ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa. 24 Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow wɔ so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam. 25 Nanso Omri yɛɛ bɔne
27 Omri adedi ho nsɛm nkae no ne nea ne tumi ano kosi ne ne dwuma a odii no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 28 Omri wui no, wosiee no wɔ Samaria. Na ne babarima Ahab na odii nʼade sɛ ɔhene.
29 Omri ba Ahab fii ase dii Israel so hene bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa awotwe mu. Odii ade wɔ Samaria mfe aduonu abien. 30 Nanso Ahab yɛɛ bɔne wɔ
34 Ahab ahenni so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ofi Bet-El san kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wui. Na otintim abɔntenpon de wiee no nso, ne kaakyiri Segub nso wui. Eyi nyinaa sisii, sɛnea asɛm a efi