1 Farao babea no akyi no, ɔhene Salomo dɔɔ ananafo mmea bebree a na wɔyɛ Moabfo, Amonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hetifo. 2 Na Awurade aka no pefee akyerɛ ne nkurɔfo se, wɔne saa aman no nni aware, efisɛ mmea a wɔbɛware wɔn no bɛtwetwe wɔn ama wɔakɔsom wɔn anyame. Nanso Salomo waree wɔn ara. 3 Na ɔwɔ yerenom ahanson ne mpenanom ahaasa. Na ampa ara wɔtwee ne kra fii
7 Salomo sii abosonnan maa Moabfo nyame Kemos, a na ɔyɛ akyiwade, wɔ Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam, na osii bi nso maa Amonfo nyame Molek, a na ɔyɛ akyiwade. 8 Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhyew nnuhuam, na wɔmmɔ afɔre mma wɔn anyame wɔ hɔ.
9 Na
14 Na
19 Farao pɛɛ Hadad asɛm yiye, na ɔmaa no ɔyere a na ɔyɛ ɔhemmea Tapanhes nuabea. 20 Ɔne no woo ɔbabarima a wɔtoo no din Genubat, na wɔtetew no fraa Farao mmabarima mu wɔ Farao ahemfi.
21 Bere a Hadad tee wɔ Misraim sɛ Dawid ne ne sahene Yoab awuwu no, ɔka kyerɛɛ Farao se, “Ma mensan nkɔ mʼankasa me man mu.”
22 Farao bisaa no se, “Adɛn? Dɛn na ɛho hia wo wɔ ha? Dɛn ho na yɛadi wo huammɔ a nti wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?”
23 Onyankopɔn pagyaw Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfo tiaa Salomo. Reson guan fii ne wura ɔhene Hadadeser a ofi Soba nkyɛn 24 bɛyɛɛ atuatewfo panyin. Dawid dii Hadadeser so nkonim no, Reson ne ne mmarima guan kɔɔ Damasko, kodii hene wɔ hɔ. 25 Reson bɛyɛɛ Israel tamfo kɛse wɔ Salomo ahenni nkae no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefo sɛnea Hadad yɛe no. Reson kɔɔ so tan Israel denneennen, na ɔtoaa so dii hene wɔ Aram.
26 Otuatewfo panyin foforo bi nso ne Nebat babarima Yeroboam. Na ɔyɛ Salomo ankasa mpanyimfo no mu baako. Na ofi kurow Sereda a ɛwɔ Efraim mu. Na wɔfrɛ ne na se Senua; na ɔyɛ okunafo.
27 Nʼatuatew no nkyerɛase ni: Na Salomo rekyekyere Milo, na ogu so resiesie nʼagya Dawid kurow no afasu no, 28 na Yeroboam yɛ nsiyɛfo. Salomo huu no sɛ ɔyɛ mɔdemmɔfo no, ɔde no tuaa adwumayɛfo a wofi Efraim ne Manase mmusuakuw mu no ano.
29 Da bi a Yeroboam refi Yerusalem no, ohyiaa odiyifo Ahiya, Siloni, wɔ kwan so a ɔhyɛ atade foforo. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wuram hɔ. 30 Ɛhɔ na Ahiya worɔw nʼatade foforo a na ɛhyɛ no no, tetew mu asinasin dumien. 31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam se, “Fa asinasin yi mu du, na sɛɛ na
34 “ ‘Nanso merennye ahemman no nyinaa mfi Salomo nsam saa bere yi. Esiane me somfo Dawid, nea miyii no no, na otiee mʼahyɛde, dii me mmara so no nti, mɛma Salomo adi ade mfe a aka no wɔ ne nkwa mu. 35 Na megye ahemman no afi ne babarima nsam, na mede mmusuakuw no mu du ama wo. 36 Ne babarima benya abusuakuw baako, sɛnea ɛbɛyɛ a me somfo Dawid asefo bɛkɔ so adi hene wɔ Yerusalem, kurow a mayi sɛ me din nna so no. 37 Na mede wo besi Israel ahengua no so, na wubedi ade no sɛnea wʼankasa wo koma pɛ. 38 Sɛ wutie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonantew mʼakwan mu, na woyɛ nea midwen sɛ eye, na wutie me mmara, di mʼahyɛde so, sɛnea me somfo Dawid yɛe no a, ɛno de, daa mɛka wo ho. Metim wo fi adedi ase, sɛnea meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo. 39 Nanso esiane Salomo bɔne a wayɛ nti, mɛtwe Dawid asefo aso, nanso ɛrenyɛ afebɔɔ.’ ”
40 Salomo pɛɛ sɛ okum Yeroboam, nanso oguan kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak[a] nkyɛn, kosii sɛ Salomo wui.
41 Na Salomo ahenni ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nyansa no de, wɔankyerɛw wɔ Salomo Ho Nsɛm Nhoma no mu ana? 42 Salomo dii hene wɔ Yerusalem ne Israel nyinaa so mfirihyia aduanan. 43 Bere a Salomo wui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Na ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene foforo.
<- 1 Ahemfo 101 Ahemfo 12 ->-
a Sisak na ɔyɛɛ Farao a ɔto so aduonu abien wɔ Misraim mpanyin nnidiso mu efi 945 Ansa na wɔrewo Kristo (AWK) kosi 924 Ansa na wɔrewo Kristo (AWK).