1 Na Israel nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo. 2 Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na
3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ
4 Na Dawid ne Israel nyinaa kɔɔ Yerusalem anaa Yebus, sɛnea na wɔfrɛ hɔ kan no, efisɛ Yebusifo na wɔkɔtenaa asase no so kan kyekyeree. 5 Nnipa a wofi Yebus no ka kyerɛɛ Dawid se, “Worentumi mma ha da biara da.” Nanso Dawid faa aban a na ɛwɔ Sion a wɔfrɛ no Dawid Kurow no.
6 Dawid ka kyerɛɛ nʼakofo no se, “Mo mu biara a obedi anim na yɛakɔtow ahyɛ Yebusifo no so no na ɔbɛyɛ mʼakofo so sahene.” Na Dawid, nuabea Seruia babarima Yoab dii ɔko no anim, nti ɔbɛyɛɛ Dawid asraafo so sahene.
7 Dawid tenaa aban no mu, na ɛno nti na wɔfrɛɛ hɔ Dawid kurow no. 8 Dawid kyekyeree kurow no, trɛw mu fi Milo de twaa ho hyiae, bere a na Yoab nso rekyekyere Yerusalem nkae no. 9 Na Dawid tumi yɛɛ kɛse, efisɛ na Asafo
10 Eyinom ne Dawid dɔmmarima ntuanofo. Wɔne Israel nyinaa bɔɔ mu, sii gyinae sɛ wɔde Dawid bɛyɛ wɔn so hene sɛnea
12 Nea ɔto so abien wɔ Baasa no mu no yɛ Dodo babarima Eleasar a ɔyɛ Ahoa aseni. 13 Bere a Dawid sɔre tiaa Filistifo wɔ Pas-Damim no, na ɔka ne ho. Ɔko no sii wɔ baabi a na ɛyɛ atokofuw nko, na Israel asraafo no guanee. 14 Nanso Eleasar ne Dawid gyinaa wɔn anan so wɔ afuw no mfimfini, bɔɔ Filistifo no gui. Na
15 Da bi a Dawid wɔ ɔbotan bi a ɛbɛn Adulam ɔbodan ho no, na Filistifo asraafo akyere nsraban wɔ Refaim bon mu. Baasa no a na wɔka Aduasa no a wonim de wɔ Dawid asraafo mu no sian kohyiaa no wɔ hɔ. 16 Saa bere no na Dawid te ɔko ahintawee mu hɔ a na Filistifo asraafokuw bi akɔtena Betlehem. 17 Dawid fi akɔnnɔ mu kae se, “Ao me kɔn dɔ nsu pa a ɛwɔ abura a ɛwɔ Betlehem no bi; nea ɛbɛn ɔpon ano no bi.” 18 Enti Baasa no bɔ wuraa Filistifo no mu, kɔsaw abura no mu nsu no bi de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid annom. Mmom, ohwie guu
20 Yoab nuabarima Abisai na na otua Aduasa no ano. Ɔko baako bi mu no, ɔde ne peaw kunkum atamfo no mu ahaasa. Saa mmaninsɛm yi nti na ogyee din sɛ Baasa no. 21 Abisai na na ne din ahyeta yiye wɔ Aduasa no mu sɛ wɔn sahene, nso na ɔnka Baasa no ho.
22 Na Yehoiada babarima Benaia a ofi Kabseel no nso wɔ hɔ. Na ɔno nso di mmarimasɛm. Ɔyɛɛ bebree a emu baako ne sɛ okunkum Moab akofo akɛse baanu bi. Bere foforo bi nso, ɔtaa gyata maa aboa no kɔtɔɔ amoa mu. Na sukyerɛmma ama fam ayɛ toro nanso ɔkyeree gyata no kum no. 23 Da bi a na okura kontibaa nko ara no, okum Misraimni ɔkofo bi a na ne tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Na ne peaw no mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo nsadua. Benaia huam peaw no fii Misraimni no nsam, de kum no. 24 Eyinom na Yehoiada babarima Benaia yɛe, ma ogyee din te sɛ Baasa no. 25 Wɔhyɛɛ no anuonyam sen nkae a wɔka Aduasa no ho no, nso na ɔmfra Baasa no mu. Na Dawid yɛɛ no ne ho awɛmfo no so sahene.